Ɛfa yɛn ho

Akristofoɔ nwoma kronkron nam abakɔsɛm ne nkɔmhyɛ nyinaa so kasa kyerɛ yɛn. Ɛkyerɛ yɛn nea aba dada ne nea ɛrenkyɛ koraa ɛbɛba. Yɛbɛtumi akenkan kɔkɔbɔ nkrasɛm a ɛtwa toɔ no wɔ nkɔnhyɛ nwanwasɔ bi mu ansa na wiase sɛeɛ no aba.

Saa kɔkɔbɔ nkransɛm yi, nea abɔfoɔ mmiɛnsa no de to dwa wɔ Adiyisɛm 14 mu no wɔ afa mmiɛnsa. Saa kɔkɔbɔ nkransɛm yi mu biara ho hia sɛ ɛwiase nyinaa te.

  • Ɔbɔfoɔ a ɔdi kan no kyerɛ yɛn sɛ yɛnsom Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn, Nea Ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo no. Ɛsɛ sɛ yɛsom Ɔbɔadeɛ no ɛfiri sɛ N’atemmuo dɔn no adu. Ɔbɔfoɔ a ɔdi kan no kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛsi ahunu saa Onyankopɔn yi na yɛatumi adi nim wɔ atemmuo no mu.

  • Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ɔsom mu ɔwaeɛ a ɛbɛba wɔ awieeɛ nna no mu. Wɔse yɛn sɛ ‘yɛmfiri’ ɔsom nhyehyɛɛ a ɛnhyɛ Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn ne N’Asɛm a Wada no adie no animuonyam mu.

  • Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɔbɔnefoɔ no bɛfa ɔwaeɛ asafo no so de sɔretia a ɛtwa toɔ aba Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn ne Ne nkurɔfoɔ so. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔdi ɔbɔnefoɔ no akyi no nso, na wɔbɛtane wɔn a wɔbɛkɔ so adi nokorɛ ama Onyankopɔn no. Nanso Onyankopɔn bɛhwie N’abufuo agu wɔn a wɔwɔ saa agyiraeɛ huhuu yi so. Ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ gyidie na wɔyɛ setie no, wɔbɛgye wɔn afiri amamfoyɛ a ɛwiase a ɛrewuo yi bɛkɔ mu no. Wɔne Onyankopɔn bɛkɔ ɔsoro na wɔde wɔn ani bɛhwɛ sɛ Ɔresane abɔ wiase foforɔ ayɛ no sɛnea na ɛteɛ kane no.

Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo

Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

newsletter-cover