
Sɛnea wobɛsi asi agyinaeɛ ama wo ho
Tɔfabɔ
Onyankopɔn adiyifoɔ kaa ɔsom tumi bi a ɛyɛ hu ho asɛm a wɔde edin “Babilon” gyinaa hɔ maeɛ. Sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, saa tumi yi bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ na wadaadaa yɛn ama yɛagye atorɔ som atom. Ɔkwan baako pɛ a ɛbɛtumi ama yɛade yɛn ho ne sɛ yɛbɛsi agyinaeɛ ama yɛn ho na yɛabata Onyankopɔn Asɛm a Wayi no adi akyerɛ yɛn no ho dennenen. Saa krataa yi kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛtumi de yɛn adwene ayɛ adwuma ama yɛahunu nyansa, ayɛ agyidifoɔ mmadwemma wɔ berɛ a wiase nyinaa wɔ amanehunu mu.
Nea ɛteɛ
Krataa sima
Adwumakuo a wɔtintimiiɛ
Sharing Hope Publications
Nea yɛbɛtumi anya
25 Kasa ahoroɔ
Krataafa ahoroɔ
6
Yɛn wuram akyinkyinakyinkyini yi mu no, afei na yɛabɛduru Gunung Datuk bepɔ no atifi. Mene me yɔnko foforɔ, Adzak, tenaa ase bᴐᴐ yɛn ani akɔhoma. Ankyɛre koraa, yɛn nkɔmmɔtwetweɛ no kɔgyinaa gyidie nkyerɛkyerɛ so.
Adzak kaa sɛ, “Mede me ho adwenkyerɛ mu. Mewɔ m’adwene sononko fa wiase ho.”
Mebuaa sɛ, “Oh, yiw. Mate sɛ Malaysiafoɔ mmabunu dodoɔ no ara kyerε sɛ wɔde wɔn ho adwenkyerɛ mu.” Adzak sereeɛ. “Ɛsɛ sɛ yɛdwene ma yɛn ho. Anyɛ saa a w’adwene bɛtu afra. Ɛbɛha w’adwene.”
Mebisaa no sɛ, “Sɛn na wosi yɛ woadeɛ wɔ efie? Mate sɛ Malaysiafo mmabunu dodoɔ no ara ka sɛ wɔdwene ma wɔn ho, nanso sɛ wɔwɔ fie a awofoɔ hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ Nkramofo anaasɛ Budafoɔ amanneɛ. Ɛdeɛn na woka kyerɛ w’awofoɔ?”
Adzak buaa sɛ, “Menka hwee nkyerɛ wɔn. Nea wɔpɛ na meyɛ. Medwene sεnea mepε, nanso ɛnsɛ sɛ mema obiara hunu.”
Ɛho hia sɛ wobɛdwene ama wo ho?
Wiase aman bi soɔ no, sɛ woampaw wo gyidie yie a, wɔtumi twa wo asu firi wo kuro mu, wᴐyi wo adi firi adwuma mu, anaa mpo wᴐku wo. Sɛ woredwene ama wo ho no bɛtumi ayɛ hu. Nanso ɛho hia?
Adwempa ne adwemmɔne ahyɛ yɛn wiase yi mu ma. Ɔkwan titire baako a wobɛtumi afa so ayiyi papa no afiri bɔne no mu ne sɛ wobɛdwene ama w’ankasa ho. Sɛ wotɔ adeɛ a ne boɔ yɛ den bi—te sɛ sikakɔkɔɔ, saffron, anaasɛ Iphone a—ɛnyɛ adeɛ a wobεfiri prεkopε atuaka de akᴐ fie. Wobɛhwehwɛ ho yie na wode atoto afoforɔ deɛ a wɔretɔn no ho de ahwɛ sɛ ade papa na woretɔ no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn nsusuiɛ ho.
Adwene ntanta pii wɔ wiase, na ɛbɛgye nsam berɛ a nkurɔfoɔ bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ankasa adwene ntanta no bɛhyɛ ɔmanfoɔ so. Ma menka nkɔmhyɛ bi a ɛho hia ho asɛm nkyerɛ wo. Nwoma dada bi a wɔfrɛ no “Yesu Kristo Adiyisεm” mu no, nkɔmhyɛ bi kasa fa nkurɔfoɔ bi a wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔde wɔn som a ɛnwie pɛyɛ bɛhyɛ afoforɔ kɔn. Ɛka sɛ “Babilon ahwe ase, ahwe ase, saa kuro kɛseɛ no, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwammammɔ abufuo nsa no bi” (Adiyisɛm 14:8).
Saa abebudeε nsεm yi ase te nyε den koraa. Na Babilon yɛ tete kuro a agye din yie pa ara, nanso ne din no asekyerɛ ne “basabasa.” Saa kuro yi “ahwe ase,” ɛnyɛ sɛ ɛyɛ basabasa ntira na mmom sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛgya ne basabasayɛ no akyire ntira. Ɔdaadaa amanaman no sɛ wɔmmɛka ne honhom mu adwammammɔ no ho—ɛne sɛ, amanaman no nam atorɔ a ɔde afra nokorɛ som so yi Onyankopɔn ma. Wɔgye atorɔ nkyerɛkyerɛ no tom sɛ ɛnyɛ ‘hwee’. Saa nkɔmhyɛ yi a ɛfa “Babilon” ho no gyina hɔ ma wiase nyinaa honhom mu kuo bi a ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye honhom mu mfomsoɔ atom sɛ ɛnyɛ hwee nko na mmom akyire no ɔde atorɔ no bɛhyɛ nkurofoɔ a wɔdi nokorɛ so no so.
Yesu Kristo Adiyie no kaa sɛ yei bɛsi wɔ yɛn berɛ yi so. Ebia woadi kan ahunu yei dada sɛ ɛresisi. Nkurɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔde atorɔ adwene gyina Onyankopɔn anan mu? So woayɛ basaa wɔ w’adwenem pɛn?
Aane, ɛno nti na ɛho hia sɛ wodwene ma wo ho no.
Sɛnea wobɛsi adwene ama wo ho
Nnipa dodoɔ no ara pene ɔsom a ɛwɔ wɔn kurom no so. Wɔnnwene nhwehwɛ wɔn gyidie no mu yie. Wɔdi ɔsom mu atetesɛm a nteaseɛ nnim na ɛde ɔhaw ba akyi. Ɛtɔ da a, ɔsom mu ankannifoɔ a sɛ wɔkyerɛ yɛn kwan kɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ntɛnkyea ahyɛ wɔn ma.
Yɛbɛyɛ dɛn ahunu nokorɛ? Mesusu sɛ ɛsɛ sɛ yɛnya ahotosoɔ wɔ adiyifoɔ no mu. Adɛn ntira? Nnyinasoɔ mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ:
Adiyifoɔ no da nimdeɛ nwanwasoɔ adi fa daakye ho. Odiyifoɔ Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ Europa bɛsɔre agyina n’abakɔsɛm diberɛ so de afa wiase dommum. Yesu Kristo (a wɔsan frɛ No Isa al-Masih) no hyɛɛ Yerusalem sɛeɛ ho nkɔm wɔ afe 70 CE mu. Odiyifoɔ Mose (Musa) hyɛɛ Ismael abakɔsɛm ho nkɔm de kɔsii awieeɛ berɛ mu.
Adiyifoɔ no daa nyansasua mu nimdeɛ nwanwasoɔ adi fa apɔmuden ho. Odiyifoɔ Mose, a ɔtenaa ase bɛyɛ mfeɛ 3,500 a atwam no, kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔde nkurɔfoɔ hyɛ dan mu de si yareɛ ano, ahonidie kwan a wɔfa so kora agyanan, ne nhyehyɛɛ a ɛfa sɛnea yɛbɛsi ate mfidie a yɛde di dwuma ho. Ɔkyɛɛ mmoa a wɔbɔɔ wɔn no mu kɔɔ wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu. Na ᴐkyerεε yεn sε yεnni mmoa a wᴐn ho teε no mogya anaa sradeε. Ɛbɛsi nnɛ yi no, wɔn a wɔdi adidie ne ahonidie nhyehyɛɛ so no tena ase kyɛ mfeɛ 15 sene nnipa a aka no.
Onyankopɔn ma agyidifoɔ a wɔwɔ Ne mu ahotosoɔ na wɔgye adiyifoɔ no die no mpaebɔ ho mmuaeε.
Adiyifoɔ no atwerɛ no ma akwankyerɛ—nanso sɛ yɛbɛnya mu mfasoɔ a, ɛsɛ sɛ yɛsua sɛ yɛbɛdwene yie, de sɔ nea yɛgye die no hwɛ, na yɛasɔ adansedeɛ a ɛwɔ yɛn gyidie ho no ahwɛ. Nnwennweneho yɛ adeɛ a ɛho hia pa ara wɔ nokorε som nkyekyerɛ mu.
Afei, ɛdeɛn na ɛsi berɛ a yɛbɛhwehwɛ atorɔ mu? Ahyɛaseɛ no wobɛka sɛ ɛyɛ nokorɛ. Nanso berɛ a yɛhwehwɛ adansedeɛ no, yɛfiri aseɛ hunu ɔhaw ahoroɔ a ɛwɔ adwene no ho.
Nokorɛ ne no bɔ abira. Sɛ woto wo bo ase yɛ nhwehwɛmu a wonhwere hwee. Mprɛ dodoɔ a yɛyɛ nhwehwɛmu mu no, mprɛ dodoɔ no ara na yɛhunu nokorɛ.
Agyidifoɔ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ anyansafoɔ amapa wɔ wiase ɛfiri sɛ Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan kɔ nyansa kwan so. Sɛ wohunu wo ho wɔ tebea bi mu a εmma wo kwan mma wo mfa w’adwene nni dwuma anaa ntumi mmisa nsɛm a, na ɛmfiri Onyankopɔn. Ɔma yɛn kwan sɛ yɛnyɛ nhwehwɛmu amapa ɛfiri sɛ nokorɛ ho yɛ den sɛ ɛtumi gyina nhwehwɛmu ano. Nanso Babilon daadaa wo kɔ atorɔsom mu na ɔka wo hyɛ mu berɛ a ɛmma wo kwan mma womfa w’adwene nnyɛ adwuma.
Sɛ wonhunu nea wonyɛ na ɛyɛ wo sɛ wowɔ Babilon a, firi mu fi! Bra Onyankopɔn nyansa kwan no so. Dwene ma wo ho na bisa nsɛm a ɛmu dɔ. Ɛnyɛ adeɛ a wobɛhyia hwammɔdie.
Wopɛ sɛ wohunu pii fa Yesu Kristo Adiyisεm ho? Mesrɛ wo fa nkratoɔ akwankyerɛ a ɛwɔ krataa yi akyi so to yɛn nkra.
Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma.Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo
Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

Hunu w’atiefoɔ anaa w'akenkanfoɔ
Nkrataa a wɔatintim a wɔde di dwuma
© 2023 Sharing Hope Publications