
Wo hia nsɛnkyerɛnneɛ?
Tɔfabɔ
Yɛwɔ nsɛnnahɔ firi tete sɛ Onyankopɔn yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Ne nkurɔfoɔ wɔ berɛ a wɔhia pa ara. Bible no ma abasɛm ahoroɔ pii fa nkɔmhyɛ ahoroɔ a aba mu ho, ankorankorɛ a wɔanya ayaresa, ne anwanwadeɛ ahoroɔ a mpaebɔ nko ara na ɛbɛtumi ama no asisie no so. Saa krataa yi ma yɛn nnyinasoɔ pii fa nea enti a yɛbɛtumi agye Bible no adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm a ɛnsesa, ne sɛnea wobɛtumi aba Onyankopɔn nkyɛn ama wo nsa aka w’ankasa nsɛnkyerɛnneɛ.
Nea ɛteɛ
Krataa sima
Adwumakuo a wɔtintimiiɛ
Sharing Hope Publications
Nea yɛbɛtumi anya
25 Kasa ahoroɔ
Krataafa ahoroɔ
6
Na abusua kɛseɛ bi ani da kwan sɛ wɔbɛnya asetena pa wɔ abrabɔ mu na wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtu akɔtena ɔman foforɔ so. Nanso na akwantuo no nna fam; na ɛsɛ sɛ wɔnante twa ɛserɛ so kwan tententen. Na awowɔ, nyanyankyerɛ ne ͻhyew wɔ mu. Sɛ na abusuafoɔ bi a wɔyare anaasɛ wɔayɛ mmrɛ no bi ka akyire a na akwammukafoɔ abɛto ahyɛ wɔn so.
Ankyɛre koraa wɔn nnuane nyinaa saeɛ, nanso wɔn kannifoɔ no su frɛɛ Onyankopɔn hwehwɛɛ nsɛnkyerɛnneε. Berɛ a adeɛ kyeeɛ na nkurɔfoɔ no sɔreeɛ no, wɔhunuu adeɛ nketenkete bi a ɛte sɛ abodoo sɛ apete fam hɔ nyinaa. Na ɛyɛ dɛ, asɛ ɛwoɔ no. Na ɛdɔɔso a obiara bɛnya bi de ako ne kɔm! Ɛfaa nna pii ansa na wɔrenante atwa ɛserɛ no, na da biara na abodoo tɔ firi soro. Ayeyi nka Onyankopɔn, wɔnyaa nkwa!
Ebia abasɛm yi bɛyɛ anwanwasɛm bi, nanso ɛyɛ adeɛ a ɛsiiɛ ampa. Ɛyɛ anwanwadeɛ ahoroɔ a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no mu baako, a ebia woate sɛ wɔfrɛ no Tawrat, Zabur, ne Injeel. Bible no wɔ abasɛm a ɛyɛ nokorɛ ahoroɔ pii, ɛmu dodoɔ no ara yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn yɛeɛ wɔ nkurɔfoɔ abrabɔ mu. Ɛyɛ nwoma a ɛho hia yie ma yɛn berɛ yi so, saa berɛ yi a nnipa pii hia wɔn ankasa nsɛnkyerɛnneɛ yi.
Ɛnnɛ-Mmerɛ yi mu nsɛnkyerɛnne
Mfeɛ kakra nie, yɛahunu akodie ahoroɔ, sikasɛm ntotoeɛ a ayɛ basaa, nnwuma a ɛnni hɔ, nsane yareɛ ne owuo horoɔ. Mennim tebea a wowɔ mu seesei ara deɛ. Ebia na yɛatu wo afiri wo fie. Ebia na wowɔ ɔdɔfoɔ bi a ɔgyina nkwa ne owuo nkwanta. Ebia na worepere rehwehwɛ adwuma.
Sɛnea wo tebea teɛ biara no, Onyankopɔn dwene wo ho na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wo ɛnnɛ sɛnea ɔyɛɛ no tete mmerɛ mu no. Sɛ wo werɛ ho a, wobɛtumi anya awerɛkyekyere afiri Bible mu, nsɛnkyerɛnneε nwoma no, kenkan mu.
Onyankopɔn Nsɛm a ɛwɔ hɔ ma Yɛn Berɛ yi so
Ɛtɔ da a nkurɔfoɔ twetwe wɔn ho sɛ wobɛkenkan Bible no ɛfiri sɛ wɔate sɛ asesa kwan bi so. Ebia saa adwenkyeaeɛ yi wɔ hɔ ɛnam nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔdi Bible no akyi no abrabɔ ntira. Ɛtɔ da a yɛhunu Akristofoɔ sɛ wɔrenom nsaden, wɔreto kyakya, wɔafa wɔn ho basaa, wɔrewe prako nam, na wɔreyɛ afoforɔ basaa.
Nanso nokorɛ nie, saa mfomsoɔ horoɔ yi nyinaa Bible no kasa tia. Sɛ Akristofoɔ yɛ asoɔden tia Onyankopɔn a, yei nsesa Ne daa Asɛm no nokorɛ a ɛyɛ. Odiyifoɔ Yesaia twerɛɛ sɛ, “Nwira dwan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa” (Yesaia 40:8). Wosusu sɛ nnipa wɔ tumi kɛseɛ sɛ wɔde bɛsesa Onyankopɔn Asɛm, anaasɛ wohwɛ a nea wɔreyɛ ne sɛ wɔde wɔn suban bɔne bi na ɛregyina hɔ ama no kɛkɛ?
Bible no kasa fa berɛ a na ohene Dawid (a wɔfrɛ no Dawud no) ne ɔmanfoɔ no de apam adaka no, adaka bi a wɔde sika-kɔkɔɔ ayɛ a na Mmaransɛm Du no wom no rekɔ no ho. Na Mmaransɛm Du no yɛ Onyankopɔn mmara horoɔ a ɛkyerɛ abrabɔ pa na wɔtwerɛɛ no wɔ abopono akɛseɛ mmienu so na wɔde too sika-kɔkɔɔ adaka no mu. Berɛ a na wɔdi santene no mu no, ɔbarima baako yɛɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka adaka no—amonom hɔ ara na ɔwuiɛ!
Sɛ Onyankopɔn mma nsa a ɛho agu fi biara nsɔ adaka kronkron no a N’Asɛm da mu no mu a, mprɛ ahe na Ɔbɛma nnipa amumuyɛfoɔ kwan ma wapeepee N'asɛm mu anaa wɔayɛ nsakraeɛ wɔ mu? Onyankopɔn wɔ tumi sɛ Ɔbɛbɔ N’Asɛm ho ban.
Nokorɛ nie, Bible no yɛ nwoma a wɔasɔ ahwɛ na adi mu kyɛn nwoma biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Ɛnkyɛreeɛ koraa, Bedouin nnwanhwɛfoɔ baasa wɔ Palestine-Muhammad edh-Dhib, Jum’a Muhammad, ne Khalil Musa-kɔhunuu Nwoma mmobɔeɛ bi a yɛfrɛ no Dead Sea Scrolls. Yei yɛ fam tutuo nhwehwɛmu a ɛkyɛn soɔ a ɛma yɛn kwan ma yɛde ɛnnɛ Bible no toto tete Bible atwerɛ no a adi bɛyɛ mfeɛ 2,000 no ho. Sɛ wode toto ho a ɛyɛ nwanwa, na ɛsane kyerɛ sɛ ɛnyɛ adeɛ a obi bɛtumi asesa Onyankopɔn adiyie nsɛm. Sɛ wohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ a, wobɛtumi agye adi sɛ Bible no yɛ baabi a ɛsɛ fata sɛ wohwɛ! Ɛha na wobɛnya abasɛm nwanwasoɔ a ɛfa adiyifoɔ bi te sɛ Noa (Nuh), Abraham (Ibrahim), Yosef (Yusif), Yona (Yunus), Daniel, Dawid (Dawud), ne Solomon (Suleiman) ho. Ebia na wɔate wɔn ho nsɛm nkakrakakra wɔ mmeaeɛ foforɔ bi, nanso Bible no de abasɛm no nyinaa to dwa!
Bra bɛnya Wo Nsɛnkyerɛnneɛ
Ɔhaw biara a worefa mu no, Bible no wɔ nsɛnkyerɛnne abasɛm bi ma wo:
Wo anaa wo dɔfoɔ bi yare? Kenkan biribi fa anwanwa kwan a Naaman, Siria sahene a na ɔyare kwata no faa so nyaa n’ayaresa.
So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛtumi ahwɛ w’abusua? Kenkan abasɛm a ɛfa Sarefat ɔbaa kunani ne ne ba barima no, a wɔnam ngo pɔre baako ne asikyiresiam kuruwa baako so tumi nyaa nkwa wɔ ɛkɔm tentene bi mu a ansa da no ho.
Wo nkwa da asiane mu? Kenkan biribi fa Ebed-Melech, Etiopiani bi ɔyɛ akoa wɔ ɔhene ahemfie no a ɔnyaa nkwa berɛ a na akodie bi rekɔ so ɛnam ne gyidie a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu nti ho.
Ɛyɛ wo sɛ woayi wo to twene? Kenkan biribi fa Misraimni Hagar ho, nea ɔhunuu Onyankopɔn nsɛnkyerɛnne berɛ a wɔtoo no tweneeɛ no.
So abrabɔ mu haw horoɔ remene wo anaa? Kenkan berɛ a Yesu Kristo tenee Ne nsa na ɔmaa ɛpo asorɔkye brɛɛ ase de gyee N’asuafoɔ no firii suhyɛn a ɛremem mu.
Mmuaeɛ nwanwasoɔ
Berɛ a yɛrekenkan Bible no, yɛnya awerɛhyɛmu de bɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛnya mmuaeɛ pa a yɛhwehwɛ. Yesu Kristo kaa sɛ, “biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu, na mogye die no, mobɛnya” (Mateo 21:22). Sɛ yɛkenkan abasɛm a ɛfa afoforɔ a wɔn nsa aka nsɛnkyerɛnneɛ afiri Awurade nkyɛn no ho a, ɛhyɛ yɛn akoma den ma yɛnya anidasoɔ pere de yɛn adesrɛdeɛ kɔ ɔsoro.
Wo hia nsɛnkyerɛnneɛ? Ma nsɛnkyerɛnneɛ a ɛwɔ Bible mu no nkanyan wo na bisa Onyankopɔn sɛ Ɔnyɛ wo deɛ mma wo. Nea ɛteɛ biara no ɔbɛtie wo mpaebɔ no ɛnnɛ!
Sɛ wopɛ sɛ wosua pii fa nsɛnkyerɛnneɛ ahoroɔ a ɛwɔ Bible mu no ho a, mesrɛ wo to yɛn nkra fa akwankyerɛ a ɛwɔ krataa no akyi so.
Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma.Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo
Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

Hunu w’atiefoɔ anaa w'akenkanfoɔ
Nkrataa a wɔatintim a wɔde di dwuma
© 2023 Sharing Hope Publications