
Ahomegyeɛ wɔ wiase a ahomegyeɛ nnim mu
Tɔfabɔ
Adwennwene ne adwumayɛ mmorosoɔ ma nnipa pii wu ntɛm. Nanso adebɔ mu no, Onyankopɔn yɛɛ adwennwene ho aduro, ahomegyeɛ da no. Wɔyɛɛ saa da kronkron yi sɛ nhyira adeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛtumi ahome afiri wɔn nnwuma ho na wɔne Onyankopɔn adi ahyiamu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛwom sɛ Onyankopɔn hyɛɛ nnipa sɛ wɔnkaeɛ deɛ, nanso wɔn mu dodoɔ no ara werɛ afiri saa da sononko yi, na dodoɔ no koraa werɛ afiri Ɔbɔadeɛ no a Ɔde maa wɔn no.
Nea ɛteɛ
Krataa sima
Adwumakuo a wɔtintimiiɛ
Sharing Hope Publications
Nea yɛbɛtumi anya
25 Kasa ahoroɔ
Krataafa ahoroɔ
6
Na Mita Duran awu. Indonesiani babunu bi a wadi mfeɛ 24 a ɔyɛ nwomatwerɛfoɔ no tɔree mmum wɔ ne twerɛpono so. Nea na asie no?
Na Mita yɛ adwuma wɔ dawurubɔ adwumakuo bi mu, a na adwuma no hwehwɛ pii firi no hɔ. Na adwuma no boro so. Ansa na ɔrebɛwuo no, ɔkaa ne dadwene no ho asɛm wᴐ intanεte so sε: “Anadwo yi, mafa safoa a merekɔ ɔfise akɔyɛ adwuma nnawɔtwe a ahomegyeɛ biara nnim…. Menni nkwa biara.”
Ɔde ne ho too kᴐfe anonneε bi a wᴐfrε no Krating Daeng, nea ɛyɛ Asiafoᴐ Red Bull no so. Asɛm a ɛtwa toɔ a ɔkaa no wɔ intanɛte so ne sɛ, “mayɛ adwuma atoa so dɔnhwere 30 ni na me ho da so ara yɛ den.” Afei ɔtwa hwee wɔ ne twerɛpono so na wansɔre bio.
Ɛdeɛn na ɛsiiɛ? Mita wuiɛ ɛnam adwuma mmorosoɔ nti.
Ɛnnɛ yi, yɛn mu dodoɔ no ara na adwuma akyere yɛn so. Wiase a yɛte mu no hyɛ yɛn ma yɛyɛ adwuma pii, na yɛanya sika pii, de atɔ nneɛma pii. Adwennwene, nna korɔkorɔ, ne adwenemuhaw na ɛha yɛn.
Ebia na yɛnku yɛn ho sɛ Mita Duran, nanso abrabɔ bɛtumi ayɛ adesoa kɛseɛ. So yei na Onyankopɔn hwehwɛ ma yɛn? Ɔyɛ Asomdwoeɛ Mafoɔ. Sɛ yɛyɛ adwuma boro so a, yɛnya asomdwoeɛ? Ɛnte saa koraa!
Sɛ yɛhunu sɛ daa yɛabrɛ a, ɛbɛtumi ayɛ sɛ yɛn werɛ afiri biribi a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛkae. Momma yɛnhwɛ biribi a Waka afa ahomegyeɛ ho.
Mia adeɛ a ɛkyerɛ “twentwɛnso” no so
Onyankopɔn yɛ Ɔdomfoɔ ne Mmɔborɔhunufoɔ. Ɔnim sɛ nnipa hia berɛ de akanyan wɔn honam mu, adwenem, ne honhom mu ahoɔden, sɛnea tɛlɛfon anaasɛ kɔmputa hia sɛ wɔkyaagye no. Ɛno nti, odiyifoɔ Mose (a wɔfrɛ no Musa no) twerɛɛ Onyankopɔn ahyɛsɛm:
Kae Homeda, na yɛ no kronkron. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa; na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara (Ɛfiri Bible no fa a ɛdi kan mu, a wɔfrɛ no Tawrat: Exodus 20:8-10).
Onyankopɔn mmara yi a yɛntumi nsesa no yi kyerɛ yɛn sɛ yɛnkae da a ɛtɔ so nson no. Kasa a ɛwɔ wiase aman horoɔ so bebree mu no, wɔfrɛ saa da a ɛtɔ so nson a wayi asi hɔ ama ahomegyeɛ no “Homeda.” Adɛn nti na Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ yɛnkae? Ɛfiri sɛ Ɔnim sɛ awerɛfirie yɛ ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ adasamma mu, ɛfiri aseɛ wɔ Adam so. Ɛnni sɛ yɛn werɛ firi Onyankopɔn mmaransɛm no, ɛfiri sɛ, εyε berɛ a yɛrekae No ne Ne mmaransɛm no na yɛbɛtumi akɔ so anante wɔ kwan tenenee no so.
Na adɛn nti na Homeda no yɛ sononko? Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ,
Nnansia na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛpo, ne nea ɛwɔ mu nyinaa, na Ɔhomee da a ɛtɔ so nson no. Ɛno nti Awurade hyiraa da a ɛtɔ so nson no na Ɔyɛɛ no kronkron (Exodus 20:11).
Homeda no yɛ nkaedeɛ a ɛho hia a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ. Nnipa binom gye akyinnyeɛ sɛ ɛsiane sɛ Onyankopɔn mmrɛ nti no, Ɔnhia ahomegyeɛ wɔ Homeda mu. Nanso Onyankopɔn anhome amfiri ɔbrɛ mu; Ɔhome firii N’adebɔ dwumadie no mu sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔde mmerɛ kronkron bi bɛsi hɔ ama yɛde ahome.
Onyankopɔn hunuu sɛ ahomegyeɛ da yɛ ma adasamma. Ɔyɛɛ da a ɛtɔ so nson no Homeda, a ɛkyerɛ sɛ woretware biribi mu anaa woregyina. Ɛno nti, da a ɛtɔ so nson wɔ nnawɔtwe biara mu no yɛ da sononko a ɛsɛ sɛ yɛde mia adeɛ a yɛde “twentwɛnso” no so. Ɛsɛ sɛ yɛhome firi adwuma ne dwumadie ahoroɔ a ɛnyɛ kronkron nyinaa ho wɔ da mu no nyinaa mu na yɛde kae na yɛde som No.
So ɛnyɛ ahomeka sɛ w'adwuma mu panin anaasɛ ɔbenfoɔ a ɔkyerɛ wo adeɛ bɛka sɛ gye w’ahome bebree? Saa ade korɔ yi ara na Onyankopɔn ahyɛ yɛn! Ayeyie nka Onyankopɔn! Nokorɛ nie Ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ!
Resie Onyankopɔn Da no Kronkron
Homeda no yɛ da kronkron ma wiase nnipa nyinaa. Agyidifoɔ a na nyame baakopɛ a ɛyɛ Ɔbɔadeɛ no nko na wɔnim no dii so mfirinhyia bebree ansa koraa na Yudafoɔ, Akristofoɔ, Nkramofoɔ, Budafoɔ, anaa Hindufoɔ mpo reba. Nokorɛ nie, berɛ a Wɔbɔɔ wiase no wɔde maa nnipa nyinaa. Adam ne Eve (a wɔfrɛ no Hawa no) dii Homeda no so, na Onyankopɔn mmaa yɛn kwan biara sɛ yɛn werɛ mfiri adeɛ a Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkae no.
Awerɛhosɛm ne sɛ, mprɛ pii no yɛn werɛ firi Homeda no. Adiyifoɔ no bɔɔ tete Yudafoɔ no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔn werɛ firi Homeda no a, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so. Wɔantie kɔkɔbɔ no, ɛno nti wɔsɛee Yerusalem, na wɔfaa wɔn mmusua kɔɔ nnummum mu. Akristofoɔ nso werɛ firii Homeda no berɛ a wɔsesaa wɔn da kronkron no kɔɔ Kwasiada de tiaa Onyankopɔn mmara no. Nkramofoɔ bɔ mpaeɛ Fiada nanso wɔn werɛ afiri sɛ ɛsɛ sɛ wɔhome da a ɛtɔ so Nson no mu ma wɔtena setieyε a ɛwie pɛyɛ mu ma Ɔbɔadeɛ no.
Adɛn na ayɛ sɛ nea wiase nyinaa werɛ reyɛ afiri saa da a ɛho hia sei? So biribi bɔne bi taa saa wiase nyinaa awerɛfirie yi akyi anaa?
Yesu a Ɔyε Mesia (a wɔfrɛ no Al-Masih) no bɔɔ kɔkɔ faa wiase tumi bi a Satan (Shaytan) de bɛdi dwuma de atwe adwene afiri yɛn Bɔfoɔ no so ho. Nnipa ɔpepem na wɔbɛdaadaa wɔn ama wɔasom wɔ atorɔ homeda no mu. Sɛ Satan bɛtumi ama yɛn werɛ afiri Ɔbɔadeɛ no da a, n’anidaso sɛ yɛn werɛ bɛfiri Ɔbɔadeɛ no ankasa nso. Nanso sɛ yɛsie nokorɛ Homeda no a, yɛda yɛn nokorɛdie ma yɛn Yɛfoɔ no adi na yɛn nsa ka ahomegyeɛ, ne asomdwoeɛ akyɛdeɛ no.
Rehyɛne Onyankopɔn home mu
Odiyifoɔ Mose twerɛɛ sɛ “Awurade hyiraa da a ɛtɔ so nson” no (Genesis 2:3). So wabrɛ na watɔ baha? Nhyira wɔ Homeda no mu!
Mita Duran, nwomatwerɛfoɔ a ɔfiri Indonesia no, adwumayɛ mmorosoɔ na ɛkuu no—nanso wo deɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. Onyankopɔn to nsa frɛ wo sɛ home firi wo nnwuma ho nnawɔtwe biara na nya Homeda mu nhyira.
Sɛ wopɛ sɛ wosua pii fa sɛnea Onyankopɔn ma yɛn ahomegyeɛ, asomdwoeɛ, ne ayaresa ho a, mesrɛ wo fa akwankyerɛ a ɛwɔ nwoma no akyi so to yɛn nkra.
Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma.Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo
Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

Hunu w’atiefoɔ anaa w'akenkanfoɔ
Nkrataa a wɔatintim a wɔde di dwuma
© 2023 Sharing Hope Publications