
Yɛn kɔn redɔ mmɔborɔhunu
Tɔfabɔ
Onyankopɔn mmɔborɔhunu no ɛte sɛn? So Ɔka no kɛkɛ sɛ “Mede wo bɔne akyɛ wo”, anaasɛ Ɔyɛ biribi ma yɛn a Ɔde dwira yɛn ho firi yɛn aniwuo mu? Saa krataa yi ne yɛn kyɛ abasɛm bi a ɛbɛn yɛn a ɛbɛboa yɛn akyerɛkyerɛ hia a ɛhia ne nteaseɛ a ɛwɔ ananmusie afɔrebɔ mu. Akenkanfoɔ bɛnya anidasoɔ berɛ a wɔbɛhunu sɛ wɔbɛtumi de wɔn bɔne afiri wɔn na wɔayi wɔn aniwuo no afiri hɔ.
Nea ɛteɛ
Krataa sima
Adwumakuo a wɔtintimiiɛ
Sharing Hope Publications
Nea yɛbɛtumi anya
25 Kasa ahoroɔ
Krataafa ahoroɔ
6
Wɔrebɛdi Eid al-Adha no, na aka Fatima nko ara na n’ankonamyɛ no ayɛ adesoa a ɛboro ne so. Na ankonam a wayɛ no yɛ ɔno ara ne mfomsoɔ, ɛnte saa?
Fatima kaee sɛnea ɔne ne papa nyaa akasakasa fa ɔne Ahmed awareε ho. Na ɔsua na watɔ ɔdɔ mu. Ne papa bεyε dεn aka sε daabi? Berɛ a ɔdwane firii fie kɔwaree Ahmed no, ne papa kaa sɛ ɔmma fie hɔ bio.
Na ɔsusu sɛ ɔbɛtumi asoa aniwuo no ɛnam ɔdɔ a ɔwɔ ma Ahmed no nti. Nanso ankyɛre koraa, na ɔgye too mu sɛ na nea ne papa reka no yɛ nokorɛ. Ahmed nnyɛ ɔbarima a na ɔsusu sɛ watɔ ne dɔ mu no. Ɔgyaee no kɔwaree ɔbaa foforɔ.
Fatima ani wuu ne ho. Ɔgye too mu sɛ ᴐsε fata nea ᴐrefa mu no. Ɔtee atɛntenenee ase yie. Nanso, hwɛ sɛnea na n’akoma repε mmᴐborᴐhunu!
Adom ne Mmɔborɔhunu Wura
Sɛ yɛbɛdi nokorɛ a, yɛn nyinaa ayɛ mfomsoɔ bi pɛn na yɛabu yɛn ani agu afutusɛm bi so. Yɛafom afoforɔ. Afoforɔ nso afom yɛn. Nnipa a wɔyɛ mfomsoɔ na wɔwɔ yɛn mpɔtam. Na hwɛ ne den a ɛyɛ sɛ wode bɛfiri wo ho ne afoforɔ!
So mmɔborɔhunu bi wɔ hɔ ma yɛn mfomsoɔ horoɔ no?
Dwene mprɛ dodoɔ a wode aka saa asɛm yi “bismillah Al-Rahman Al-Raheem” - “Onyankopɔn a Ɔyɛ Mmɔborɔhunufoɔ ne Ɔdomfoɔ no din mu.” Ɛdeɛn na ɛyɛ sononko wɔ mmɔborɔhunu ho?
Ebia na yεn nkuro—ne yεn ankasa Akoma hia mmᴐborᴐhunu kεse ntira.
Mmɔborɔhunu: Ɔkwan pa no
Mfeɛ bi a atwam no, ɔbarima bi a wᴐfrɛ no Abdul-Raman ne ɔyɔnkoɔ Kareem koeɛ na ɔkuu no. Abrabɔ no bɛgyinaa faako maa mmusua mmienu a na wɔwɔ Misraim akuraa kumaa yi ase no. Kareem abusua pɛɛ sɛ wɔbɛtɔ so werɛ, berɛ a Abdul-Rahman abusua de ehu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ ne ho ban. Abdul-Rahman mpɛ sɛ saa awerɛtɔ ntoasoɔ no bɛkɔ so. Ɔkɔgyee afotuo firii mpanimfoɔ a wɔwɔ akuraa no ase nkyɛn, na wɔsusu maa no sɛ ɔnkɔyɛ awufoɔ ho ahodwira amaneɛ bi.
Abdul-Rahman de n’ankasa ahodwira nwera fitaa baeɛ na ɔde sekanmma too so. Ɔnante kɔhyiaa Kareem abusua wɔ dwaso, berɛ a na akurasefoᴐ no nyinaa rehwɛ no. Abdul-Rahman buu nkotodwe wᴐ Habib, owufoᴐ no nua barima anim, na ᴐde asiedeε ne sekanmma no maa no. Ɔsrɛɛ ne nkyɛn mmɔborɔhunu ne nsiesie.
Habib de sekanmma no too Abdul-Rahman kɔn mu. Mpanimfoɔ no de ɔdwan baeɛ, na ɛsɛ sɛ Habib yε ᴐpaw: mmɔborɔhunu, anaasɛ awerɛtɔ? Berɛ a ɔde sekan no too Abdul-Rahman kɔn mu no, ne nneyɛɛ daa no adi sɛ, “wowᴐ me nsam seesei. Na obiara rehwɛ yei; obiara nim sɛ mewɔ akwannya sɛ meku wo na mɛtumi ayɛ nso. Nanso mepaw mmɔborɔhunu ne nsiesie. Mɛma mogyahwieguo to atwa.”
Ɔgyaee Abdul-Rahman na ɔkuu odwan no mmom. Berɛ a aboa no yeadie, abufuo, ne atɛntenenee no baa awieeɛ no, Habib yɛɛ Abdul-Rahman atuu. Wɔsane de asomdwoeɛ a na ɛda mmusua mmienu no ntam no sii hɔ bio.
Sɛ nnipa bɛtumi afa kwan bi so de atɛntenenee ne mmɔborɔhunu abɔ mu ayɛ adwuma a, ɛnneɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ saa ara bi!
Yesu a Ɔyɛ Mesia no: Ɔno ne Mmɔborɔhunu a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn
Ɛhefa na yɛbɛtumi asua biribi afa Onyankopɔn mmɔborɔhunu ho? Ɛnyɛ den koraa. Ebia na woate sɛ Yesu Mesia no (a wɔfrɛ no Isa al-Masih) no wɔfrɛ no “Mmɔborɔhunu” a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn. Yei kyerɛ sɛ Ɔgyina hɔ ma mmɔborɔhunu pɛpɛɛpɛ. N’akwan—ne nkyerɛkyerɛ wɔ Asɛmpa no mu, a wɔfrɛ no Injeel no—yei ne bɔnefafiri ne nsiesie kwan.
Yesu Mesia no bɛtumi adi saa dwumadie a ɛyɛ nwanwa no ho dwuma ɛfiri sɛ ɔno nko ara ne Onyankopɔn somani a ɔnni bɔne. Na Odiyifoɔ biara ne ɔsomafoɔ kronkron biara hia bɔnefafirie wɔ wɔn mfomsoɔ ho, nanso ɛnyɛ Yesu Mesia no. Wᴐfaa no kᴐᴐ soro aheman mu sene sε Ɔbεtwεn atemmuda no εfiri sε wannyε mfomsoᴐ da—wannyε ketekete bi mpo.
Yei nti wɔfrɛ no Mmɔborɔhunu a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Ɔmaa yɛn mmɔborɔhunu amapa ho nhwɛsoɔ na ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛn nsa bɛka Onyankopɔn mmɔborɔhunu.
Ɔkwan bɛn so na Yesu a ᴐyε Mesia no bɛtumi aboa me?
Wɔatwerɛ sɛ Yohane Suboni (a wɔfrɛ no Yahya no) hunuu Yesu Mesia no wɔ nnipadᴐm mu, na Onyankopɔn honhom hyɛɛ no, ma ɔteaa mu dennen sɛ, “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie!” (Asɛmpa no, Yohane 1:29). Yesu a ᴐyε Mesia no te sɛ odwan a ɔbɔɔ kwan maa Abdul-Rahman nsiesie no.
Sɛ wɔtwe yɛn aso wɔ yɛn mfomsoɔ ho a, ɛyɛ atɛntenenee. Nanso Yesu a ᴐyε Mesia no, ɔno a na bɔne nni ne ho no, paw sɛ ɔbɛfa yɛn mfomsoɔ horoɔ no ho asodie no. Obiara anhyɛ no. Ɔfiri ne pɛ mu wuiɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi adi atɛntenenee ahwehwɛdeɛ ahoroɔ ho dwuma. Ɔno nko ara ne onipa a watena ase a, mfomsoɔ biara nni ne ho, nanso ɔmaa ne ho kwan maa wɔyɛɛ no sɛ odwan a ɔwɔ Abdul-Rahman abasɛm mu no. Yei nti na, berɛ a ɔhunuu amane maa yɛn akyire no, Onyankopɔn nyanee no kɔɔ soro ahennie mu no.
Ebia na apereperedie bi wɔ wo bra mu. Ebia na wote sɛ Fatima, wɔn a wodɔ wɔn no apo wo. Ebia na obi ayɛ wo adeɛ a ɛyɛ wo ya, anaasɛ obi agu wo din ho fi kwammɔne so. Ebia na wote sɛ Abdul-Rahman, afɔbuo ahyɛ wo so na wosuro sɛ wɔbɛtua wo so ka.
Yesu a ᴐyε Mesia no bɛtumi aboa. Wobɛtumi abɔ mpaeɛ tiawa bi te sei:
O Awurade, merentumi ntua me bɔne ho ka. Nanso menim sɛ wosomaa Yesu a ᴐyε Mesia no sɛ Wo mmɔborɔhunu maa yɛn. Mesrɛ o fakyɛ me ɛnam ne papa a ɔyɛ maa adasamma nyinaa nti. Boa me na mente Yesu a ᴐyε Mesia no akwan so sɛnea mɛtumi anya Wo mmɔborɔhunu no wɔ me bra mu. Amen.
Sɛ wopɛ sɛ w’ankasa wo nsa ka Asɛmpa no bi a, mesrɛ wo to yɛn nkra fa akyirikwan a ɛwɔ krataa yi akyi no so.
Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma.Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo
Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

Hunu w’atiefoɔ anaa w'akenkanfoɔ
Nkrataa a wɔatintim a wɔde di dwuma
© 2023 Sharing Hope Publications