Yɛrede yɛn ho afiri ahonhommɔne nsam

Yɛrede yɛn ho afiri ahonhommɔne nsam

Tɔfabɔ

Ahonhommɔne wɔ tumi nanso wɔn tumi no nnuru Yesu Mesia no deɛ. Saa krataa yi ka ɔkwan a Yesu fa so tutu ahonhommɔne firii nkurɔfoɔ a na wɔrehunu amane na Ɔboaa wɔn maa wɔnyaa ɔgyeɛ ho asɛm. Ɔbɛtumi ayɛ adekorɔ no ara bi ama yɛn nnɛ yi. Ne nwoma no kyerɛkyerɛ yɛn biribiara a yɛhia sɛ yɛhunu a ɛbɛma yɛade yɛn ho afiri ahonhommɔne haw ne nhyɛsoɔ ase. Ɛsane nso kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛsi atwe yɛn ho afiri wɔn a wɔde ahonhommɔne daadaa yɛn no ho ansa na Waba.

Nea ɛteɛ

Krataa sima

Adwumakuo a wɔtintimiiɛ

Sharing Hope Publications

Nea yɛbɛtumi anya

25 Kasa ahoroɔ

Krataafa ahoroɔ

6

Nea yɛatwe atwe afiri ntɛnɛte so

Jinn wɔ baabiara. Sɛ yɛbɛfrɛ wɔn ahonhom, asaman, ahonhommɔne, anaasɛ jinn no, wɔn ho bɛtumi ayɛ hu. Shamafoɔ, wɔn a wɔkye abayifoɔ, ne abansrɛ adɔɔso, nanso so wɔbɛtumi abᴐ yɛn ho ban nokorɛm?

Mɛpɛ sɛ me ne wo kyɛ atrapɔn ahoroɔ mmiɛnsa yi a wonam so bɛnya bammɔ afiri ahonhommɔne nsam na woansuro. 

Renya ahobammɔ afiri ahonhommɔne nsam

Na ɔbarima no da adagya na ɔresi apinnie. Na jinn (ahonhommɔne) ahoroɔ afa no domum, na obiara ntumi mmoa no. Na nkurɔfoɔ a wɔwɔ akuraa no ase hɔ no abɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛgu no, nanso ɔde ahoɔden bi a ɛboro nnipa deɛ so tetee mu na ɔdwane kɔtenaa aboda so. Ɔde n’asetena nna nyinaa su denden de aboɔ twitwa ne ho.

Kɔsii sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu Kristo, a wɔsane nso frɛ no Isa al-Masih bɛduruu hɔ.

Na ɔbarima no wɔ ahonhommɔne nhyɛsoɔ kɛseɛ ase ara ma berɛ a ɔbuee n’ano sɛ ɔresrɛ mmoa no, jinn no na ɔteaa mu kyerɛɛ Yesu Kristo sɛ ɔmfiri ne so nkɔ. Nanso Yesu amfiri hɔ ankɔ. Na ɔnim nea ɛrekɔ soɔ. Ɔde akokoduru hyɛɛ jinn no sɛ ɔmfiri ɔbarima no mu.

Jinn no srɛɛ sɛ, “Ɛnto yɛn nkɔgu ɛbunu no mu!” Wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ mprako kuo bi a na wɔbɛn hɔ mu. Yesu hyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri ɔbarima no mu na wɔnkɔ mmoa a wɔn ho nteɛ no mu. Ntɛm pa ara, ɔbarima no ho tɔɔ no, na mprako kuo no de mmirika firii bepɔ no so kɔguu po no mu.

Afei ɔbarima no ho tɔɔ no. N’ani sɔɔ yie! Nanso ɛnyɛ abasɛm yei nko ara. Na Yesu Kristo wɔ tumi kɛseɛ wɔ ahonhommɔne so. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔmaa nkurɔfoɔ a na jinn reha wɔn no nyaa fawohodie. Ɔmaa n’akyidifoɔ nso bonsam so tumi:

Hwɛ, Mema wo tumi…wɔ ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so, na biribiara ntumi nnyɛ mo hwee. Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne abrɛ wɔn ho ase ama mo, mmom momma mo ani nye sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ ɔsoro (firi Asɛmpa no, a wɔfrɛ no Injeel no mu, Luka 10:19-20).

Sɛ yɛdi Yesu Kristo akyi a, yɛbɛtumi anya banbɔ wɔ saa asetena yi mu na yɛanya ahotosoɔ wɔ nkwa a ɛbɛba no mu! Momma yɛnhwɛ atrapɔn ahoroɔ mmiɛnsa a yɛbɛtumi afa so ade yɛn ho afiri ahonhommɔne nsam.

Atrapɔn 1: Gye tumi a ɛwɔ Yesu Kristo din mu no

Atrapɔn a ɛdi kan no ne sɛ worehwehwɛ Onyankopɔn banbɔ wɔ Yesu Kristo din mu. Yɛn nnipa fam deɛ, yɛnni tumi a yɛde bɛko atia ahonhommɔne. Nanso sɛ yɛbɔ Yesu Kristo din no gu yɛn bra so a, ahonhommɔne no nni tumi biara! Yesu kasa faa n’akyidifoɔ ho sɛ: “Me din mu wɔbɛtu ahonhommɔne” (Asɛmpa no, Marko 16:17).

Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di sɛ Yesu bɛma woade wo ho a, ɔbɛyɛ! Bɔ saa mpaeɛ yi kyerɛ Onyankopɔn, “Awurade, mesrɛ wo gye me firi ahonhommɔne nsam wɔ nea wosomaa no no, Yesu Kristo din mu!” 

Atrapɔn 2: Hwehwɛ Ahoteɛ wɔ wo mu ne wo fie

Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ sɛ, ɛnni sɛ yɛmma bonsam kwan wɔ yɛn ho. Ɔkaa sɛ, “Wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni hwee wɔ Me nkyɛn” (Asɛmpa no, Yohane 14:30). Ɛsɛ sɛ yɛdwira yɛn ho firi ahonhommɔne nneyɛɛ nyinaa ho nso. 

Sɛ wɔka sɛ bonsam nni “hwee wɔ yɛn mu a” ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ ɔnni hwee wɔ yɛn akomam anaa yɛn afie mu a ɛyɛ ne dea. Ɛsɛ sɛ yɛto nnuhunu ne abansrɛ ahoroɔ no nyinaa guo. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho firi bɔne nneyɛɛ horoɔ te sɛ adwaman mfonihwɛ, nnubɔnenom, ne nsaden nom ho. Sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ ahonhomsɛm a yɛne awufoɔ kasa mu anaasɛ yɛboro nnua a, ɛsɛ sɛ yɛgyae saa nneyɛɛ yi ntɛmtɛm. Saa kwan yi so no, yɛdwira yɛn ho firi ahommɔne nnisoɔ ase. Afei, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa mfomsoɔ nkyɛ yɛn na ɔntew yɛn mu.

Atrapɔn 3: Fa hann hyɛ wo bra ma

Berɛ a Yesu Kristo agye wo afiri jinn tumi ase awie no, to nsa frɛ no na ɔmmɛdi wo bra so. Mma w’akoma nna mpan. Yesu Kristo kaa sɛ,

Sɛ honhomfi bi firi onipa bi mu a, ɔkɔ asase pɛsɛɛ so kɔhwehwɛ ɔhomeeɛ, na ɔnnya bi. Afei ɔse, “Mɛsane akɔ me fie a mefiri baeɛ no mu.” Na sɛ ɔsane ba, na ɔbɛhunu sɛ ɛda mpan a, wasiesie mu. Afei ɔkɔ kɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔn tirim yɛ den sene ɔno, na wɔbɛtena mu; na onipa no akyire asetena no yɛ basaa sene kane no (Asɛmpa no, Mateo 12:43-45).

Sɛ wodwira wo ho firi jinn ho a, ma Yesu nwoma no, Bible no hann no nhyerɛn w’abrabɔ mu. Yesu Kristo baa “wiase sɛ hann, sɛ obiara a ɔbɛgye no adi no rentena esum mu” (Asɛmpa no, Yohane 12:46). Pɛ Yesu nwoma no bi na kenkan no da biara sɛnea Ne hann no bɛyi ɛsum no afiri hɔ.

Banbɔ a ɛwɔ hɔ ma daakye

Yɛaduru awieeɛ mmerɛ mu a ahonhommɔne reyɛ adwuma sene daa. Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ ansa na ɔbɛsane aba no, ahonhommɔne bɛyɛ atorɔ nsɛnkyerɛnne ahoroɔ nam so sɛ wɔbɛdaadaa agyidifoɔ. Ebinom fam deɛ, jinn bɛyi ne ho adi te sɛ saman a wɔn ho yɛ hu; ebinom nso fam deɛ wɔbɛba te sɛ abɔfoɔ anaasɛ wɔn mmusuafoɔ a wɔawuwuo. Bonsam ankasa koraa bɛyɛ ne ho sɛ Yesu Kristo!

Nanso ɛnni sɛ woma atorɔ no daadaa woɔ. Sɛ wodi Yesu Kristo akyi a, ɔbɛma wo tumi de asi ɔbonsam kwan. Onua dɔfoɔ, sɛnea w’apereperedie no teɛ ɛnnɛ yi biara no, ma kwan na Yesu Kristo mma wo fawohodie!

Sɛ wobɛpɛ sɛ Yesu Kristo kyidini bi bɛbɔ mpaeɛ ama woade wo ho afiri ahonhommɔne nsam a, mesrɛ wo nam nkratoɔ akwankyerɛ a ɛwɔ krataa yi akyi so to yɛn nkra.

Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma. 

Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo

Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

newsletter-cover