Suro nni atemmuo no mu

Suro nni atemmuo no mu

Tɔfabɔ

Ɛhu ka nnipa dodoɔ no ara berɛ a wɔbɛdwene atemmuo no ho. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ yɛbɛfa saa atemmuo da yi mu asomdwoeɛ mu? Onyankopɔn se Ɔbɛma yɛn Ɔkyigyinafoɔ-Obi a Ɔbɛdi ama yɛn wɔ atemmuo no mu sɛnea alɔyafoɔ twitwa gye yɛn wɔ asase yi so asɛnnibea mu no. Saa krataa yi Ɔkyigyinafoɔ no kyerɛ yɛn na ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛsi anya ahotosoɔ berɛ a yɛdwene atemmuo a ɛreba no ho no.

Nea ɛteɛ

Krataa sima

Adwumakuo a wɔtintimiiɛ

Sharing Hope Publications

Nea yɛbɛtumi anya

25 Kasa ahoroɔ

Krataafa ahoroɔ

6

Nea yɛatwe atwe afiri ntɛnɛte so

Da koro anɔpa bi mefirii m’ahɔhobea dan mu sɛ merekɔ nhyiamudie bi a ɛho hia pa ara ase. Na maka akyi enti mede me hyɛn no tuu mmirika ntɛntɛ boroo nea na mmara ma ho kwan. Meduruu kwan no mfimfini baabi no, Polisini bi kyee me sɛ ɔde merekɔ Apolisifoɔ asoeɛ! Me ho yeraa me na me yam hyehyee me ɛfiri sɛ na menim sɛ medi fɔ. 

Berɛ a Polisini no bɔɔ me kwaadu wieeɛ no, wɔde me kɔgyinaa asɛnnibea bi a na ɛbɛn hɔ. Ɛhɔ na mekɔhyiaa me yɔnko bi a ɔyɛ lɔyani. Ɔhunuu me no, ne ho dwirii no. Berɛ a mekyerɛɛ me nsɛm mu no, ɔsee me sɛ, “Mma no nha wo. Mɛhwɛ w’asɛm no aka.” M’ani gyee yie. M’ankasa adamfo na ɔbɛtwitwa agye me!

Ɛnam sɛ m’adamfo no gyinaa mu di maa me no nti, sika ketewa bi na ɔtemmuafoɔ no maa me tuaeɛ. Mefirii asɛnnibea hɔ a na mereyi Onyankopɔn ayɛ.

Nokorɛ nie ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hu pa ara sɛ wobɛgyina asase yi so ɔtemmuafoɔ anim. Nanso sɛ yɛde toto sɛnea ɛbɛsi ayɛ sɛ yɛbɛgyina Onyankopɔn anim wɔ anibere Da no mu a ɛnnuru baabiara. Sɛ anka saa da no reba ɔkyena a, anka wobɛyɛ krado?

Woresiesie wo ho ama atemmuo

Nnipa binom de suban biarabiara na ɛhyia atemmuo a ɛreba no. Wɔnom nsaden, tawa, wɔto kyakya, wɔkɔ anigyebea a ɛmfata na wɔhwɛ mfoni horoɔ a ɛnyɛ papa. Ebia wɔnim sɛ wɔgu so retwerɛ saa nneɛma yinom wɔ nkaeɛ nwoma mu, nanso Satan (a wɔfrɛ no Shaytan) no nnaadaa no afa wɔn dummum. Ɛmfa wɔn ho.

Nnipa binom suro atemmu da no kɛse pa ara. Wɔsuro sɛ wɔbɛhwere mpaebɔ baako mpo. Wɔdwene adamena mu ayaayaadeɛ anaa ogya no ho ara ma wɔn werɛ firi Onyankopɔn dɔ ne N’ayamye. 

Nanso sɛnea menyaa ntamgyinani wɔ asɛnnibea hɔ no, Onyankopɔn ama yɛn ntamgyinafoɔ a Ɔbɛboa yɛn ama yɛatumi afa atemmuo mu. Ɛnsɛ sɛ woyɛ ankonam!

Hwan ne yɛn ntamgyinafoɔ?

Ntamgyinafoɔ ho asɛm no nyɛ ade foforɔ. Afe biara, akwantufoɔ mpempem na wɔkɔ abosomfie wɔ Abibirem Atifi, Mfimfini Apueɛ, ne Asia Amantam no mu. Nnipa dodoɔ no ara bɔ mpaeɛ wɔ akannifoɔ atitire bi adamena so, wɔgye di sɛ saa awufoɔ yi bɛsrɛ Onyankopɔn ama wɔn. 

Ɛyɛ sɛ yɛde anidie bɛma saa akannifoɔ akɛsefoɔ no, nanso sɛ yɛrebɔ mpaeɛ akyerɛ wɔn anaasɛ yɛresrɛ wɔn sɛ wɔnni mma yɛn no yɛ akyiwadeɛ koraa. Wɔawuwu na wɔrentumi nyɛ hwee mma wo. Adiyifoɔ no mpo wɔ wɔn adamena mu, a wɔretwɛn Owusɔreɛ Da no.

Ɛwom sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ yɛbɛsrɛ awufoɔ sɛ wɔnni mma yɛn, na mmom sɛ woredi ama no deɛ ɛyɛ adwene pa. Na hwan ntamgyina dwumadie na Onyankopɔn gye tom? Ɛtwa sɛ ɛyɛ obi a 

  • Ɔte ase (ɛfiri sɛ awufoɔ rentumi nkasa mma yɛn). 

  • Ɔnni bɔne (ɛfiri sɛ obi a mmara abu no fɔ no rentumi nni mma afoforɔ).

Hwan na ɔwɔ saa ahwehwɛdeɛ yi nyinaa? Obiara nni hɔ ka yɛn dɔfoɔ Yesu Kristo, a wɔfrɛ no Isa al-Masih no ho, nea ɔte ase wɔ ɔsoro na nkekaeɛ biara nni ne ho no. 

Dwene ho—obi foforɔ wɔ hɔ a ɔbɛtumi aka sɛ bɔne biara nni ne ho? Adam dii aduaba a wɔhyɛɛ no sɛ ɔnni no; Noa (Nuh) boroo nsa; Abraham (Ibrahim) dii atorɔ; Mose (Musa) kumm obi; Dawid (Dawud) faa ɔbarima foforɔ yere. Worennya odiyifoɔ baako mpo a wannyɛ bɔne da anaasɛ ɔnsrɛɛ bɔnefafirie pɛn.

Nanso Yesu Kristo anyɛ bɔne da. Ɔno ankasa kaa sɛ, “Nea Ɔsomaa Me no ka Me ho…ɛfiri sɛ daa Meyɛ nea ɛsɔ N’ani” (ɛfiri Asɛmpa no, a wɔfrɛ no Injeel no mu, Yohane 8:29). 

Sɛnea yɛsi twɛn Atemmuo asomdwoeɛ mu

Yesu Kristo te ase wɔ ɔsoro na ɔnyɛɛ bɔne da. Wayɛ krado sɛ ɔbɛdi ama me ne wo. Na ɛrenkyɛ koraa ɔbɛsane aba.

Sɛ Yesu Kristo resane aba ne mprenu so a, ɛno kyerɛ sɛ ɔno ne odiyifoɔ a ɔtwa toɔ. Aane, Ɔkyɛne odiyifoɔ—ɔyɛ yɛn Ntamgyinafoɔ, yɛn Wura, ne Asomdwoeɛ wɔ Atemmuo Da no mu. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Nokorɛ, nokorɛ…obi di M’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da” (Asɛmpa no, Yohane 8:51). 

Yesu nwuiɛ, ɔte ase! Na seesei koraa no Ɔreboaboa ne nkurɔfoɔ ano wɔ asase yi so. Ɛtɔ da a ɔto nsa frɛ nkurɔfoɔ ba N’abusua no mu berɛ a ɔyi ne ho adi wɔ daesoɔ mu sɛ onipa a ɔhyɛ atadeɛ fitaa anaasɛ ɔma yɛn nsɛnkyerɛnneɛ berɛ a yɛbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ Onyankopɔn wɔ ne din mu no. 

Wopɛ sɛ wonya asomdwoeɛ wɔ atemmuo Da no mu? Pae mu ka wo gyidie wɔ Yesu Kristo mu. Adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ wɔn a wɔawuo na wɔnnim wɔn gyinaberɛ wɔ atemmuo Da no mu no mu? Nanso Yesu deɛ, ɔwɔ ɔsoro ahennie no mu hɔ dada. Sɛnea m’adamfo lɔya no boaa me wɔ asɛnnibea hɔ no, ɔbɛboa yɛn.

Ebia na woredwennwene ho sɛ biribi a ɛyɛ nwanwa saa bɛtumi ayɛ nokorɛ a. Yesu Kristo kaa sɛ, “Sɛ mobɛsrɛ biribi Me din mu a, Me deɛ, Mɛyɛ” (Asɛmpa no, Yohane 14:14). Sɔ no hwɛ sε nea mereka kyerɛ wo yi yɛ nokorɛ a. Sɛ Yesu wɔ tumi sɛ ɔtumi yɛ nneɛma a ɛhia yɛn mprempren yi ara, ɛnneɛ na yɛbɛtumi de yɛn ho ato Ne so sɛ yɛn ntamgyinafoɔ. Firi akoma fann mu bɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn wɔ Yesu din mu na hwɛ nea ɛbɛsie. Wobɛtumi abɔ mpaeɛ:

O! Awurade, mepɛ sɛ mehunu ampa sɛ Yesu na Wapaw no sɛ ɔnyɛ yɛn ntamgyinafoɔ wɔ atemmuo no mu. Sɛ ɛyɛ nokorɛ a, mesrɛ wo yɛ m’abisadeɛ (fa w’ahiadeɛ hyɛ ha). Mebisa yei wɔ Yesu Kristo din mu. Amen.

Sɛ wopɛ sɛ wosua pii fa sɛnea wɔbɛdi Yesu Kristo akyi ho a, fa nkratoɔ a ɛwɔ krataa yi akyi no so to yɛn nkra.

Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma. 

Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo

Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

newsletter-cover