Wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra mma yɛntu kwan

Wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra mma yɛntu kwan

Tɔfabɔ

Wo kɔn dɔ sɛ wobɛkɔ baabi a ɛhɔ yɛ? Beaeɛ a bammɔ, anigyeɛ ne ahomegyeɛ wɔ? Yɛn kɔn dɔ biribi a saa wiase yi ntumi mfa mma yɛn ɛfiri sɛ wɔbɔɔ yɛn mu biara maa Paradise. Yesu a Ɔyɛ Mesia no adi kan wɔ hɔ. Ɔnim kwan no, na nokwasɛm ne sɛ, Ɔfrɛ Ne ho “Ɔkwan no!” Saa krataa yi ka nokwasɛm a ɛho hia a ɛfa Yesu ho na ɛboa yɛn ma yɛyɛ ahoboa sɛ yɛbɛtena Paradise mu.

Nea ɛteɛ

Krataa sima

Adwumakuo a wɔtintimiiɛ

Sharing Hope Publications

Nea yɛbɛtumi anya

24 Kasa ahoroɔ

Krataafa ahoroɔ

6

Nea yɛatwe atwe afiri ntɛnɛte so

Na Abdul-Malik yɛ obi a wanyini abrɛ yie pa ara. Ɔhweree ne yere ne ne mma akyire no, Ɔfirii Iraq sɛ ɔredwane afiri ISISfoɔ nsam. Seesei ɔno nko ara na ɔte Yordan sɛ ɔtukɔtenani.

Nanso na anidasoɔ ketewa bi wɔ hɔ. Na ɔwɔ nua bi a ɔte Canada a ɔyɛɛ sɛ ɔbɛboa no ama no anya adwuma ayɛ. N’ani gyeeɛ, na ɔhwehwɛɛ visa akyiri kwan na ɔfirii aseɛ soo asetena pa ho daeɛ. Ɔtwɛnee mfeɛ pii akyi no, wɔmaa no kwan maa no baa Canada. Abdul-Malek ani gyeeɛ yie!

Nanso ankyɛre koraa na n’anigyeɛ no baa awieeɛ. Berɛ a ɔkɔduruu Canada no, ɔhunuu sɛ abrabɔ wɔ akwantuo mu no nyɛ nea ɛda fam koraa. Adwuma a na ɔyɛ no ma no gyina hɔ da mu no nyinaa. Na wɔn a ɔne wɔn bɔ fipam no ho wɔ dede. Na kaare akɔbadie nna fam—na saa ara nso na Borofo kasa no teɛ! 

Na Abdul Malek adaeso nyinaa ne sɛ ɔbɛkɔ baabi a ɛhɔ yɛ kyɛn soɔ, nanso ɔkɔduruiɛ no ɔhunuu sɛ ne yam da so ara hyehye no. Ɔfirii aseɛ dwenee ho sɛ n’ani gyina a ɛgyinaeɛ no bɛtumi aba mu wɔ beaeɛ foforɔ bi wɔ asase yi so—anaasɛ ɔbɛhia sɛ ɔtwɛn kɔsi Paradise mmerɛ no ankasa!

Paradise akwantuo

Woanya atenka a Abdul-Malek nyaeɛ no bi pɛn? Atenka a yɛwɔ sɛ yɛbɛkɔ beaeɛ a ɛkrɔn no yɛ nea agye nhini wɔ nnipa akomam na sɛ ɛbɛtumi aba mu a na yɛawura Paradise, yɛn fie ankasa no mu. Na ɛyɛ ɔpɛ a ɛrenkyɛ koraa ɛbɛba mu! Ɛberɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ rekɔ so a yɛn ani tua, na saa wiase yi rekɔ awieeɛ ntɛm so.

Mfeha pii nie, ɔsom nwoma ahoroɔ a Yudafoɔ, Akristofoɔ, ne Nkramofoɔ de di dwuma no nyinaa ahyɛ awieeɛ nna no ho nkɔm—asisɛm nwanwasoɔ bi a yɛnam so bɛfiri saa wiase yi mu akɔ foforɔ no mu. Gyidie mmiɛnsa yi nyinaa kyerɛ Mesia bi a ɔno na ɔbɛhwɛ ama saa asisɛm horoɔ yi mpɔmpɔnsoɔ aba mu.    

Nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, saa Mesia yi a Kristosom ne Nkramosom ka ne ho asɛm no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo, a wɔfrɛ no Isa al-Masih no. Na ɔyɛ Mesia berɛ a na ɔte Palestine no, nanso watena Paradise bɛyɛ mfeɛ 2,000 nie. Ɔbɛsane aba wɔ atemuda a ɛtwa toɔ no mu. 

Wɔka Yesu Kristo sanba no ho asɛm yie wɔ Bible no mu, na Nkramofoɔ nso gye di sɛ ɔreba bio, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ wɔ Qur’an mu: “Na (Yesu) bɛyɛ nsɛnkyerɛnne (ama mmaeɛ no) Dɔnhwere no (ɛfa Atemmuo ho): ɛno nti ɛnnye akyinnyeɛ biara fa (Dɔnhwere) no ho, mmom no mmoni M’akyi: Yei yɛ Kwan tenenee no” (Az-Zukhruf 43:61).

Sɛnea Immigration adwumayɛni ma akwankyerɛ a ɛho hia fa ɔkwan a wo nsa bɛtumi aka visa no, saa ara na Yesu Kristo to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahwɛyie wɔ Ne Nsɛnkyerɛnne ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu kwan turodoo no akɔ Paradise. 

Sɛn na Yesu kaeɛ sɛ Paradise teɛ?

Asɛmpa no, a wɔfrɛ no Injeel no, twerɛɛ sɛ Yesu Kristo kaa sɛ, “Merekɔsiesie baabi ama mo. Na sɛ Mekɔ na Mekɔsiesie baabi Mema mo a, Mɛba bio na Mabɛfa mo Maba Me nkyɛn; na nea Mewɔ no, mo nso moaba hɔ bi” (Asɛmpa no, Yohane 14:2-3). Yesu Kristo ka sɛ Ɔbɛtumi afa yɛn akɔ Paradise! 

Ɔsane nso maa yɛn beaeɛ hɔ mpopoeɛ bi a ɛyɛ anika. Ɔkaa sɛ

  • Owuo nni hɔ bio, awerɛhoɔ anaa ɔyea nni hɔ bio (Adiyisɛm 21:4).

  • Yɛbɛnya afie a ɛyɛ fɛ (Yohane 14:2).

  • Mmarima ne mmaa nyinaa bɛnya anidie ne akwannya korɔ (Galatifoɔ 3:28).

  • Hann, tenenee, ne anigyeɛ ahyɛ mu ma (Adiyisɛm 21:21-25).

Nokorɛ nie, yei ne beaeɛ a yɛn akoma hwehwɛ!  

Adɛn nti na Yesu Kristo bɛsane aba ne mprenu soɔ

Onyankopɔn asoma adiyifoɔ ne asomafoɔ pii. Adɛn nti na wɔapaw Yesu Kristo sɛ Ɔnsane mmra ne mprenu soɔ? Saa asɛmmisa yi yɛ mmrɛ sɛ yɛde akwantuo ho nkyerɛkyerɛmu korᴐ no ara bɛbua. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ mmrɛ sɛ wo nsa bɛka “visa”, nnipa dodoɔ no ara kɔfa lɔya a ɔwɔ nimdeɛ wɔ ho na ɔnim kwan no. Sɛ yɛwɔ ɔkwankyerɛni a, yɛbɛtumi anya ahotosoɔ wɔ ne mu ama no aboa yɛn.

Saa ara na, Yesu Kristo nko ara ne obi a ɔbɛba ne mprenu soɔ ɛfiri sɛ ɔnim kwan a ɛkɔ Paradise na ɔbɛtumi de yɛn akɔ hɔ. Ɔno ankasa kaa sɛ, “Mene ɔkwan no, nokorɛ no, ne nkwa no” (Yohane 14:6).

Odiyifoɔ ne ɔsomafoɔ biara a Onyankopɔn somaa no ayɛ mfomsoɔ pɛn na wahwehwɛ bɔnefafirie pɛn. Nanso ɛnyɛ Yesu Kristo. Wanyɛ bɔne da wɔ mfeɛ 33 a ɔde tenaa asase yi soɔ no. Yei nti na wɔfaa no ntɛm so kɔɔ Paradise no. 

Ɛsɛ sɛ yɛsua firi onipa baako a wanyɛ bɔne da no, Yesu Kristo no nkyɛn, ɔkwan a yɛbɛfa so afata sɛ yɛwura Paradise mu. Saa kwan yi so nko ara na yɛn nsa bɛtumi aka. Anigyesɛm ne sɛ, yɛbɛtumi asua afiri ne nwoma, Bible no mu. 

Sɛnea yebesiesie yɛn ho ama Yesu Kristo Sanba no

Ɛnyɛ anigyesɛm sε wobεte sɛ wobɛtumi atu kwan akᴐ beaeε bi a εyε kyεn soᴐ? Wɔto nsa frɛ wo sɛ bɛyɛ Onyankopɔn animuonyam ahennie a ɛwɔ Paradise no mu ɔman ba! Ɛrenkyɛ koraa Yesu Kristo bɛba abɛfa yɛn nyinaa akɔ saa anigyeɛ bea hɔ.

Ɛbɛtumi aba sɛ woredi nnipa a wɔn ankasa nnim nea ɛbɛto wɔn wɔ Atemmuda no akyi?  Sɛ wowɔ Yesu Kristo afa a, ɛnsɛ sɛ w’adwene yɛ ntanta. Srɛ Onyankopɔn sɛ ɔni w’anim nkɔ Yesu Kristo kwan tenenee no so. Wobɛtumi abɔ mpaeɛ bi sei:

O! Awurade, m’akoma hwehwɛ beaeɛ pa. Mesrɛ wo gye me ne m’adɔfoɔ firi saa wiase yi mu amanehunu horoɔ mu. Megye di sɛ mmerɛ no yɛ tia. Mesrɛ wo kyerɛ me kwan sɛnea mɛtumi ahyɛne beaeɛ nwanwasoɔ a woasiesie ama me yi mu. Amen.

Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Asɛmpa nwoma no ankasa bi a, mesrɛ wo fa nkratoɔ a ɛwɔ krataa yi akyi so to yɛn nkra.

Wɔkyerɛɛ aseɛ firii Borofo Qu’ran mu.Copyright @ 2023 by Sharing Hope Publications. Wobɛtumi aprinte dwumadie yi na wode akyekyε a wonhia akwansrɛ biara berɛ a wontɔn. Twerɛsɛm no wɔfa fii Asante Twi Bible a Bible Society of Ghana, Accra atintim no mu, ©2012. Yεsrεε kwan ansa na yεde redi dwuma. 

Ma kwan na yɛmfa yɛn amanebɔ krataa no bi mmrɛ wo

Yɛ obi a wobɛdi kan ahunu berɛ a yɛn nwoma foforɔ bɛyɛ krado!

newsletter-cover